28 Na Onyankopɔn hyiraa+ wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo+ na monnɔɔso na monhyɛ asase so mã na munni so,+ na ɛpo mu mpataa ne wim ntuboa ne mmoa a wɔnenam asase so nyinaa, munni wɔn so.”+
18 Nea Yehowa a ɔbɔɔ ɔsoro,+ nokware Nyankopɔn+ a ɔnwenee asase na ɔyɛe+ de tim hɔ,+ nea wammɔ no hunu na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so+ no, se ni: “Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio.+
5 ‘Me na mede m’ahoɔden+ kɛse ne me basa a mateɛ mu+ yɛɛ asase+ ne adesamma+ ne mmoa+ a wɔwɔ asase so, na mede ma obiara a ɛteɛ m’ani so sɛ mede bɛma no.+