Leviticus 27:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Eyinom ne ahyɛde+ a Yehowa de maa Mose sɛ ɔmfa mma Israelfo wɔ Bepɔw Sinai+ so. Numeri 36:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Eyi ne ahyɛde+ ne atemmusɛm a Yehowa nam Mose so de maa Israelfo wɔ Moab sare so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko+ no. Dwom 19:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Yehowa ahyɛde+ teɛ,+ ɛma koma di ahurusi;+Yehowa mmara nsɛm+ ho tew,+ ɛma obi ani tew.+ Dwom 119:151 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 151 O Yehowa, wobɛn,+Na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware.+ Ɔsɛnkafo 12:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Asɛm no awiei, nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro nokware Nyankopɔn+ no na di ne mmara nsɛm so.+ Na eyi ne onipa asɛde.
13 Eyi ne ahyɛde+ ne atemmusɛm a Yehowa nam Mose so de maa Israelfo wɔ Moab sare so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko+ no.
13 Asɛm no awiei, nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro nokware Nyankopɔn+ no na di ne mmara nsɛm so.+ Na eyi ne onipa asɛde.