Nehemia 9:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Wusian baa Bepɔw Sinai so+ ne wɔn kasa fii soro,+ na wode w’atemmusɛm a ɛteɛ+ ne nokware mmara+ ne akwankyerɛ pa+ ne ahyɛde+ maa wɔn. Dwom 19:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Yehowa suro+ ho tew, ɛwɔ hɔ daa.Yehowa atemmusɛm+ yɛ nokware;+ ne nyinaa teɛ.+ Dwom 119:142 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 142 Wo trenee yɛ daa trenee,+Na wo mmara yɛ nokware.+ Yohane 17:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Fa nokware no yɛ wɔn kronkron;+ w’asɛm+ yɛ nokware.+ 1 Petro 1:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Afei a moayɛ aso ama nokware no de adwira+ mo kra a nea afi mu aba ne onuadɔ a nyaatwom nnim no,+ mumfi komam+ nnodɔ mo ho mo ho denneennen.
13 Wusian baa Bepɔw Sinai so+ ne wɔn kasa fii soro,+ na wode w’atemmusɛm a ɛteɛ+ ne nokware mmara+ ne akwankyerɛ pa+ ne ahyɛde+ maa wɔn.
22 Afei a moayɛ aso ama nokware no de adwira+ mo kra a nea afi mu aba ne onuadɔ a nyaatwom nnim no,+ mumfi komam+ nnodɔ mo ho mo ho denneennen.