Genesis 13:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Lot+ sɛ: “Mesrɛ wo, mma akasakasa biara mmma me ne wo ntam anaa me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, efisɛ yɛyɛ anuanom.+ Genesis 45:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Afei ogyaa ne nuanom kwan ma wosiim. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ na obiara bo ankofuw ne yɔnko wɔ kwan so.”+ Yohane 13:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.”+ Yohane 17:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ biako,+ sɛnea wo, Agya no, wɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no,+ na wɔn nso ne yɛn ayɛ biako+ na ama wiase agye adi sɛ wo na wosomaa me.+ Kolosefo 3:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Na eyinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ+ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama+ a ɛyɛ pɛ. Hebrifo 13:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Momma mo nuadɔ nkɔ so.+
8 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Lot+ sɛ: “Mesrɛ wo, mma akasakasa biara mmma me ne wo ntam anaa me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, efisɛ yɛyɛ anuanom.+
24 Afei ogyaa ne nuanom kwan ma wosiim. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ na obiara bo ankofuw ne yɔnko wɔ kwan so.”+
21 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ biako,+ sɛnea wo, Agya no, wɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no,+ na wɔn nso ne yɛn ayɛ biako+ na ama wiase agye adi sɛ wo na wosomaa me.+