Kolosefo
3 Enti, sɛ wɔanyan mo+ ne Kristo a, monkɔ so nhwehwɛ nneɛma a ɛwɔ soro,+ baabi a Kristo te wɔ Onyankopɔn nsa nifa so+ no. 2 Momfa mo adwene nsi nneɛma a ɛwɔ soro so,+ na ɛnyɛ nneɛma a ɛwɔ asase so.+ 3 Na muwui,+ na wɔde mo nkwa+ ne Kristo ahintaw Onyankopɔn mu.+ 4 Sɛ wɔda Kristo, yɛn nkwa+ no, adi a, mo nso wɔbɛda mo adi+ aka ne ho anuonyam mu.+
5 Enti, munkum+ mo nipadua akwaa+ a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ,+ nkate bɔne, ne anibere+ a ɛyɛ abosonsom ho. 6 Saa nneɛma yi nti na Onyankopɔn abufuw reba.+ 7 Mo nso bere bi a na mote eyinom mu no, monantew saa ara.+ 8 Nanso afei munyi ne nyinaa ngu,+ bobɔne, abufuw, nnebɔne, ɔkasatia,+ na mommma kasafĩ+ mmfi mo anom mmpue. 9 Munnnidi atoro nnkyerɛ mo ho.+ Munyi nipasu dedaw+ no ne ne nneyɛe ngu, 10 na monhyɛ nipasu foforo+ a wɔnam nokware nimdeɛ so reyɛ no foforo sɛnea Onii a ɔbɔe no suban+ te, 11 baabi a Helani anaa Yudani nni hɔ, twetiatwa anaa momonoto nni hɔ, ɔnanani, Skiteni, akoa anaa ɔdehye+ nni hɔ, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔn nyinaa mu no.+
12 Enti sɛ́ nnipa a Onyankopɔn apaw mo,+ akronkronfo ne adɔfo no, monhyɛ ayamhyehye,+ ayamye, ahobrɛase adwene,+ odwo,+ ne abodwokyɛre.+ 13 Sɛ obi wɔ asɛm+ tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.+ Sɛnea Yehowa de afiri mo+ no, mo nso monyɛ saa ara. 14 Na eyinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ+ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama+ a ɛyɛ pɛ.
15 Bio nso, momma Kristo asomdwoe+ nni mo koma+ so, na ɛno mu na wɔfrɛɛ mo bae wɔ nipadua biako+ mu. Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ. 16 Momma Kristo asɛm no ntena mo mu mmoro so nyansa+ nyinaa mu. Monkɔ so mfa nnwom,+ ayeyi, ne honhom mu nnwom+ a ɛho wɔ nyam nkyerɛkyerɛ+ mo ho mfa ntutu mo ho fo, na monto nnwom mo koma mu mma Yehowa.+ 17 Na biribiara a moyɛ no, kasa mu oo, adwuma mu oo,+ monyɛ ne nyinaa wɔ Awurade Yesu din mu+ mfa no so nna Agya Onyankopɔn ase.+
18 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase+ mma mo kununom, sɛnea ɛfata Awurade mu. 19 Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom+ na mommma mo bo mmfuw wɔn denneennen.+ 20 Mma, muntie mo awofo asɛm+ ade nyinaa mu, na eyi na ɛsɔ ani Awurade mu. 21 Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw+ na wɔn abam ammu. 22 Nkoa, muntie mo honam fam wuranom asɛm ade nyinaa mu,+ ɛnyɛ nnipa ani so som, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani,+ na mmom koma a emu tew mu, Yehowa suro+ mu. 23 Biribiara a moreyɛ no, mumfi ɔkra nyinaa mu nyɛ+ no sɛ moyɛ ma Yehowa+ na ɛnyɛ nnipa, 24 efisɛ munim sɛ Yehowa nsam+ na mubenya akatua a ɛfata no sɛ apɛgyade.+ Monsom Owura Kristo no sɛ nkoa.+ 25 Nokwarem no, nea ɔyɛ bɔne no benya adebɔne a ɔyɛe no so akatua,+ na animhwɛ nnim.+