22 Ɛnna Samuel kae sɛ: “Yehowa pɛ ɔhyew afɔre+ ne ayɛyɛde sen osetie a wɔbɛyɛ ama Yehowa anaa? Hwɛ! Osetie+ ye sen afɔre,+ na asoyɛ kyɛn adwennini srade,+
11 Yehowa asɛm ni: “Mfaso bɛn na menya afi mo afɔre bebrebe no so? Adwennini+ ɔhyew afɔre+ ne mmoa srade+ no afono me. Na anantwi ne nguammaa ne mpapo+ mogya+ nso, m’ani nsɔ.+
20 “Ɛhyɛ a mode fi Saba+ ne demmire huamhuam a mode fi akyirikyiri asase so reba yi, dɛn na ɛyɛ ma me? Mo hyew afɔre nyɛ me fɛ,+ na mo ayɛyɛde nso nsɔ m’ani.”+