1 Samuel 23:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Ɛnna Saul ba Yonatan sɔree, na ɔkɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ ne nsam den+ Onyankopɔn din mu.+ Mmebusɛm 15:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Onipa anom mmuae ma odi ahurusi,+ na asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu de, O hwɛ sɛnea eye!+ Mmebusɛm 16:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwokyɛm;+ ɛyɛ ɔkra dɛ na ɛsa nnompe yare.+ Asomafo Nnwuma 28:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Na anuanom tee yɛn nka no, wofi hɔ behyiaa yɛn wɔ Apia Gua so ne Nsadan-Mmiɛnsa tɔnn, na Paulo ani bɔɔ wɔn so pɛ na ɔdaa Onyankopɔn ase na otwaa ne koma too ne yam.+
15 Na anuanom tee yɛn nka no, wofi hɔ behyiaa yɛn wɔ Apia Gua so ne Nsadan-Mmiɛnsa tɔnn, na Paulo ani bɔɔ wɔn so pɛ na ɔdaa Onyankopɔn ase na otwaa ne koma too ne yam.+