Deuteronomium 3:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Fa Yosua yɛ ɔman no kannifo+ na hyɛ no nkuran na hyɛ no den, efisɛ ɔno na obedi ɔman yi anim atwa Yordan,+ na ɔde asase a wubehu no bɛma wɔn.’+ Nehemia 2:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na mekaa sɛnea me Nyankopɔn nsa+ adi aboa me+ no kyerɛɛ wɔn, ne ɔhene nsɛm+ a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wɔkae sɛ: “Momma yɛnsɔre na yensi.” Enti wɔhyɛɛ wɔn nsam den maa adwuma pa no.+ Hiob 16:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Anka mede m’anom nsɛm bɛhyɛ mo den mmom,+Na anka m’anom awerɛkyekyesɛm bedwudwo mo yaw—. Mmebusɛm 17:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa;+ ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.+ Mmebusɛm 27:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Sɛnea ngo ne aduhuam+ ma koma di ahurusi no, saa ara na ayɔnkofa mu dɛ a efi komam agyinatu te.+ Luka 22:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Nanso masrɛ+ ama mo na mo gyidi ansa; na wo, sɛ wosan ba a, hyɛ wo nuanom den.”+ Asomafo Nnwuma 15:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Na esiane sɛ Yuda ne Silas ankasa nso yɛ adiyifo+ nti, wɔkaa nsɛm pii de hyɛɛ wɔn nkuran na wɔhyɛɛ wɔn den.+ Hebrifo 10:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam+ sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran,+ titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.+
28 Fa Yosua yɛ ɔman no kannifo+ na hyɛ no nkuran na hyɛ no den, efisɛ ɔno na obedi ɔman yi anim atwa Yordan,+ na ɔde asase a wubehu no bɛma wɔn.’+
18 Na mekaa sɛnea me Nyankopɔn nsa+ adi aboa me+ no kyerɛɛ wɔn, ne ɔhene nsɛm+ a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wɔkae sɛ: “Momma yɛnsɔre na yensi.” Enti wɔhyɛɛ wɔn nsam den maa adwuma pa no.+
32 Na esiane sɛ Yuda ne Silas ankasa nso yɛ adiyifo+ nti, wɔkaa nsɛm pii de hyɛɛ wɔn nkuran na wɔhyɛɛ wɔn den.+
25 na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam+ sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran,+ titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.+