25 Sɛ onipa yɛ onipa bɔne+ a, Onyankopɔn besiesie ama no,+ na sɛ onipa yɛ Yehowa bɔne+ de a, hena na obesiesie ama no?”+ Nanso wɔantie wɔn papa nne,+ efisɛ afei de na Yehowa pɛ sɛ okunkum wɔn.+
16 Nanso wɔkɔɔ so goruu+ nokware Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtiaa,+ na wodii n’adiyifo no ho fɛw+ kosii sɛ Yehowa abufuw+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+
3 “Efi Amon ba Yosia,+ Yuda hene no afe a ɛto so dumiɛnsa so de besi ɛnnɛ da yi, mfe aduonu abiɛsa yi mu, Yehowa asɛm baa me nkyɛn, na mesɔree anɔpahema ne mo kasae; mekasae, nanso moantie.+