Dwom 21:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Wode nea ne koma pɛ ama no,+Na woankame no n’ano abisade.+ Sela. Dwom 37:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ma w’ani nka Yehowa ho,+Na ɔbɛma wo nea wo koma pɛ.+ Yohane 16:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Ebesi sesɛɛ mummisaa ade biako mpo wɔ me din mu. Mummisa na mo nsa bɛka, na mo anigye ayɛ mã.+ 1 Yohane 5:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu+ ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.+