Nehemia 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɛnna ɔhene bisaa me sɛ: “Dɛn nti na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ+ sɛɛ, bere a wonyare? Eyi nyɛ biribiara sɛ koma mu awerɛhow.”+ Ɛmaa ehu kɛse kaa me. Dwom 38:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Mayɛ basaa, na me mu akuntun aboro so;+Da mũ nyinaa mede awerɛhow nenam.+ Mmebusɛm 15:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Anigye koma ma onipa anim tew,+ na koma mu yaw ma honhom botow.+ Mateo 6:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 “Eyi nti mise mo sɛ: Munnyae sɛ mudwinnwen+ mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaa dɛn na mobɛnom, anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mobɛhyɛ.+ So ɔkra no nhia nsen aduan, na nipadua no nsen atade?+
2 Ɛnna ɔhene bisaa me sɛ: “Dɛn nti na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ+ sɛɛ, bere a wonyare? Eyi nyɛ biribiara sɛ koma mu awerɛhow.”+ Ɛmaa ehu kɛse kaa me.
25 “Eyi nti mise mo sɛ: Munnyae sɛ mudwinnwen+ mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaa dɛn na mobɛnom, anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mobɛhyɛ.+ So ɔkra no nhia nsen aduan, na nipadua no nsen atade?+