Mmebusɛm 18:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nea edi asehwe anim ne sɛ onipa koma bɛma ne ho so,+ na nea edi anuonyam anim ne ahobrɛase.+ Mmebusɛm 29:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ɔdesani ahantan na ɛbɛbrɛ no ase,+ na nea ne honhom dwo no benya anuonyam.+ Luka 14:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.”+ Yakobo 4:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Mommrɛ mo ho ase wɔ Yehowa anim,+ na ɔbɛma mo so.+