Mmebusɛm 15:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Yehowa suro yɛ nteɛso a ɛma nyansa,+ na ahobrɛase di anuonyam anim.+ Mmebusɛm 18:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nea edi asehwe anim ne sɛ onipa koma bɛma ne ho so,+ na nea edi anuonyam anim ne ahobrɛase.+ Yesaia 57:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nea Ɔkorɔn na ɔyɛ Kokuroo,+ nea ɔte ase daa+ a ne din yɛ kronkron no,+ asɛm ni: “Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron;+ me ne nea wabubu na ne honhom abrɛ ase na ɛte,+ sɛ mɛma abrɛfo honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya ahoɔden.+ Mateo 18:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase+ te sɛ abofra kumaa yi ne nea ɔyɛ kɛse ɔsoro ahenni no mu,+ Filipifo 2:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Eyi nso nti na Onyankopɔn pagyaw no maa no gyinabea a ɛkorɔn,+ na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara,+
15 Nea Ɔkorɔn na ɔyɛ Kokuroo,+ nea ɔte ase daa+ a ne din yɛ kronkron no,+ asɛm ni: “Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron;+ me ne nea wabubu na ne honhom abrɛ ase na ɛte,+ sɛ mɛma abrɛfo honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya ahoɔden.+
9 Eyi nso nti na Onyankopɔn pagyaw no maa no gyinabea a ɛkorɔn,+ na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara,+