28 Me na meka Kores ho asɛm+ sɛ, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfo, na nea ɛsɔ m’ani biara ɔbɛyɛ,’+ ne nea maka afa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekye,’ ne asɔrefie no ho sɛ, ‘Wɔbɛto wo fapem.’”+
28 “Na sɛnea mede m’ani sii wɔn so+ sɛ metutu wɔn ase na madwiriw wɔn agu abubu wɔn na masɛe wɔn ayɛ wɔn bɔne+ no, saa ara na mɛma m’ani aba wɔn so na mama wɔn so asi hɔ na madua wɔn,”+ Yehowa asɛm ni.
25 Na hu na nya nhumu sɛ efi asɛm+ a ese wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu+ no so kosi sɛ Mesia,+ Ɔkannifo+ no, bɛba no bɛyɛ adapɛn ason ne adapɛn aduosia abien.+ Wɔbɛsan akyekye ma asi n’ananmu na anya abɔnten kɛse ne nsuka, nanso wɔbɛyɛ wɔ ahokyere bere mu.