Yesaia 49:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ ade ketewa sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusua so na wode Israelfo a wɔakora wɔn so no aba.+ Mapaw wo sɛ amanaman no hann,+ na me nkwagye akɔ akɔpem asase ano.”+ Luka 2:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 kanea+ a wonam so beyi nea ɛkata+ amanaman+ no so ama ahyɛ wo man Israel anuonyam.” Yohane 8:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Mene wiase hann.+ Nea odi m’akyi no rennantew sum mu da,+ mmom obenya nkwa hann.”
6 Na ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ ade ketewa sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusua so na wode Israelfo a wɔakora wɔn so no aba.+ Mapaw wo sɛ amanaman no hann,+ na me nkwagye akɔ akɔpem asase ano.”+
12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Mene wiase hann.+ Nea odi m’akyi no rennantew sum mu da,+ mmom obenya nkwa hann.”