36 ɛnde wo ara fi ɔsoro hɔ tie, na fa wo nkoa, wo man Israel bɔne kyɛ wɔn efisɛ wo na wokyerɛkyerɛ+ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa so;+ ma osu ntɔ+ w’asase a wode ama wo man sɛ wɔn agyapade no so.
20 Na Yehowa de ahohia bɛyɛ aduan ama wo na ɔde nhyɛso ayɛ nsu ama wo.+ Nanso wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no renhintaw bio, na wode w’ani behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no.+
2 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: “Mommra+ mma yɛnkɔ Yehowa bepɔw so, Yakob Nyankopɔn fie,+ na ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan+ na yɛanantew n’atempɔn so.”+ Na Sion na mmara befi aba, na Yerusalem na Yehowa asɛm befi.+