23 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Saa bere no, nnipa du a wɔka amanaman+ no kasa horow nyinaa bɛba abesuso+ Yudani+ biako atade mu aka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ,+ na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”’”+
9 Eyinom akyi no, mihui, na hwɛ! nnipakuw kɛse bi+ a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi amanaman+ ne mmusuakuw ne nnipa+ ne kasa nyinaa mu,+ gyinagyina ahengua+ no ne Oguammaa no anim hyehyɛ ntade tenten fitafitaa;+ na wokurakura berɛw.+