Dwom 149:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Yehowa ani gye ne man ho.+Ɔde nkwagye fura ahobrɛasefo ma wɔn ho yɛ fɛ.+ Yeremia 32:41 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 M’ani begye wɔn ho na mayɛ wɔn yiye.+ Mede me koma nyinaa ne me kra nyinaa bedua wɔn wɔ asase yi so,+ nokwaredi mu.’” Sefania 3:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Yehowa wo Nyankopɔn wɔ wo mu. Ɔyɛ otumfoɔ, enti obegye nkwa.+ N’ani begye na wadi wo ho ahurusi.+ Ne dɔ nti, ɔbɛyɛ komm. Na wo nti, ɔde ahosɛpɛw begye n’ani.
41 M’ani begye wɔn ho na mayɛ wɔn yiye.+ Mede me koma nyinaa ne me kra nyinaa bedua wɔn wɔ asase yi so,+ nokwaredi mu.’”
17 Yehowa wo Nyankopɔn wɔ wo mu. Ɔyɛ otumfoɔ, enti obegye nkwa.+ N’ani begye na wadi wo ho ahurusi.+ Ne dɔ nti, ɔbɛyɛ komm. Na wo nti, ɔde ahosɛpɛw begye n’ani.