29 Kaldeafo a wɔne kurow yi redi ako no bɛba de ogya abɛto kurow yi mu, na wɔahyew+ ɛne afie a wɔhyew afɔrebɔde wɔ n’atifi ma Baal na wohwie afɔrebɔ nsa wɔ hɔ ma anyame foforo de hyɛ me abufuw no.’+
30 “‘Na Israelfo ne Yudafo de, bɔne nko ara na wofi wɔn mmeranteberem ayɛ wɔ m’anim;+ abufuw nko na Israelfo de wɔn nsa ano adwuma hyɛ me,’+ Yehowa asɛm ni.