Numeri 12:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ná Mose yɛ ɔbarima a odwo+ sen obiara wɔ asase so. 1 Samuel 12:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Me na migyina ha yi. Monka wɔ Yehowa ne nea wasra no+ yi anim: Hena nantwi anaa n’afurum na magye,+ na hena na masisi no anaa mahyɛ no so? Hena nsam na magye adanmude de akata m’ani?+ Monka na menhyɛ mo ananmu.”+ Yesaia 32:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Hwɛ, ɔhene+ bi bedi ade trenee mu,+ na abirɛmpɔn+ nso bedi tumi atɛntrenee mu. Hesekiel 34:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Na mede oguanhwɛfo+ biako, m’akoa Dawid,+ besi wɔn so na wayɛn wɔn. Ɔno ankasa bɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfo.+
3 Me na migyina ha yi. Monka wɔ Yehowa ne nea wasra no+ yi anim: Hena nantwi anaa n’afurum na magye,+ na hena na masisi no anaa mahyɛ no so? Hena nsam na magye adanmude de akata m’ani?+ Monka na menhyɛ mo ananmu.”+
23 Na mede oguanhwɛfo+ biako, m’akoa Dawid,+ besi wɔn so na wayɛn wɔn. Ɔno ankasa bɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfo.+