19 Afei ɔhyew nokware Nyankopɔn fie+ no, na odwiriw Yerusalem afasu no gui;+ n’abantenten ne emu nneɛma a ɛsom bo+ nyinaa nso, ɔde ogya hyewee, na ɔsɛee hɔ pasaa.+
29 Kaldeafo a wɔne kurow yi redi ako no bɛba de ogya abɛto kurow yi mu, na wɔahyew+ ɛne afie a wɔhyew afɔrebɔde wɔ n’atifi ma Baal na wohwie afɔrebɔ nsa wɔ hɔ ma anyame foforo de hyɛ me abufuw no.’+
14 Israel werɛ fii ne Yɛfo,+ na osisii abosonnan;+ na Yuda nso kekaa nkurow dennen bɔɔ so.+ Enti mɛma ogya akɔ ne nkurow so akɔhyew emu aban akɛse nyinaa.”+