8 Asɔfo no mpo ammisa sɛ, ‘Yehowa wɔ he?’+ Wɔn a wokura mmara no nso, na wonnim me.+ Nguanhwɛfo no nso buu me mmara so,+ na adiyifo no hyɛɛ nkɔm wɔ Baal din mu,+ na wɔn a wɔamfa mfaso biara ammrɛ wɔn na wodii wɔn akyi.+
16 Nea asafo Yehowa aka ni: “Munntie adiyifo a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nsɛm.+ Wɔrema moadan ahuhude.+ Wɔn koma so anisoadehu na wɔka,+ emfi Yehowa anom.+