Deuteronomium 3:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Saa bere no na Basan hene Og ne Refaimni+ a waka. Na ne mpa a wɔde funu to so yɛ dade mpa. Mpa yi si Ammonfo kurom wɔ Raba.+ Ne tenten yɛ basafa akron, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anan. Yeremia 49:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 “‘Enti hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm ni, ‘na mɛma wɔate ɔko torobɛnto+ a etia Ammonfo kurow Raba,+ na ɛbɛdan amamfõ siw,+ na wɔde ogya+ bɛto ɛho nkurow+ mu.’ “‘Na Israel bɛfa wɔn a wɔtete mu no adi wɔn so,’+ Yehowa na waka. Hesekiel 25:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Mɛma Raba+ adan yoma adidibea na Ammon adan nguan ahomegyebea;+ na mubehu sɛ mene Yehowa.”’”+ Amos 1:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Na mede ogya bɛto Raba+ fasu mu na ahyew n’aban akɛse no, ɔkoda mu nteɛteɛm mu, ne ahum da mu gyampantrudu mu.+
11 Saa bere no na Basan hene Og ne Refaimni+ a waka. Na ne mpa a wɔde funu to so yɛ dade mpa. Mpa yi si Ammonfo kurom wɔ Raba.+ Ne tenten yɛ basafa akron, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anan.
2 “‘Enti hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm ni, ‘na mɛma wɔate ɔko torobɛnto+ a etia Ammonfo kurow Raba,+ na ɛbɛdan amamfõ siw,+ na wɔde ogya+ bɛto ɛho nkurow+ mu.’ “‘Na Israel bɛfa wɔn a wɔtete mu no adi wɔn so,’+ Yehowa na waka.
14 Na mede ogya bɛto Raba+ fasu mu na ahyew n’aban akɛse no, ɔkoda mu nteɛteɛm mu, ne ahum da mu gyampantrudu mu.+