3 Yehowa bɛkyekye Sion werɛ.+ Ɔbɛkyekye n’amamfõ nyinaa werɛ,+ na ɔbɛma ne sare ayɛ sɛ Eden+ na n’anhwea pradada ayɛ sɛ Yehowa turo.+ Anigye ne ahurusi, aseda ne dwonto bɛyɛ no mã.+
4 Wɔbɛsan akyekye mmeae a adan amamfõ no bio+ na wɔama tete nkurow a asɛe no so agyina.+ Wɔbɛma nkurow a asɛe, mmeae a ada mpan wɔ awo ntoatoaso pii mu, ayɛ foforo.+
14 Na mɛma me man Israel nnommum no asan aba,+ na wɔbɛkyekye nkurow a asɛe no atena mu,+ na wɔbɛyeyɛ bobe nturo anom mu nsã na wɔayɛ nnuaba turo adi mu aba.’+