2 Ná ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene pon ano+ nyinaa bɔ wɔn mu ase kotow Haman, efisɛ na ɔhene ahyɛ sɛ wɔnyɛ saa. Nanso Mordekai de, na ɔmmɔ ne mu ase na ɔnkotow no nso.+
3 Na Babilon hene mpanyimfo yi nyinaa baa mu bɛtenatenaa Mfinimfini Pon+ no mu: Nergal-Sareser, Samgar-Nebo, Sarsekim, Rabsaris, Nergal-Sareser a ɔyɛ Rabmag, ne Babilon hene mpanyimfo a aka nyinaa.