11 Saa da no, Yehowa bɛteɛ ne nsa ne mprenu so+ de agye ne man nkae afi Asiria+ ne Egypt,+ Patros+ ne Kus,+ Elam+ ne Sinar,+ Hamat ne po so nsupɔw+ nyinaa so.
2 Wɔayi anisoade bi a ɛyɛ hu+ akyerɛ me: Okontomponi di nkontomposɛm, na ɔsɛefo sɛe ade.+ Afei Elam, foro kɔ! Media,+ kotwa ho hyia! Mama apinisi a ɔde aba nyinaa to atwa.+