Mateo 10:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo;+ na nea obegyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.+ Luka 6:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 “Anigye ne mo bere a nnipa tan+ mo, ne bere a woyi mo fi nnipa mu na wɔbɔ mo ahohora, na woyi+ mo din tow kyene sɛ nnebɔneyɛfo esiane onipa Ba no nti. Yakobo 1:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Me nuanom, sɛ muhyia sɔhwɛ ahorow pii a, mummu no anigye koraa+ 1 Petro 4:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Sɛ Kristo din nti wɔbɔ mo ahohora a,+ ɛyɛ anigye ma mo,+ efisɛ anuonyam honhom, Onyankopɔn honhom ankasa, wɔ mo so.+
22 “Anigye ne mo bere a nnipa tan+ mo, ne bere a woyi mo fi nnipa mu na wɔbɔ mo ahohora, na woyi+ mo din tow kyene sɛ nnebɔneyɛfo esiane onipa Ba no nti.
14 Sɛ Kristo din nti wɔbɔ mo ahohora a,+ ɛyɛ anigye ma mo,+ efisɛ anuonyam honhom, Onyankopɔn honhom ankasa, wɔ mo so.+