1 Petro
4 Enti esiane sɛ Kristo huu amane ɔhonam mu nti,+ mo nso momfa adwenkoro no ara nhyehyɛ mo ho;+ efisɛ nea wahu amane ɔhonam mu no atwe ne ho afi bɔne ho,+ 2 sɛnea ɛbɛyɛ na ne bere a aka wɔ ɔhonam mu no, ɔrentena ase mma nnipa akɔnnɔde,+ na mmom ɔde bɛyɛ Onyankopɔn apɛde.+ 3 Na bere+ a atwam no dɔɔso ma mo sɛ moyɛɛ nea amanaman no pɛ+ de mo ho hyɛɛ ahohwibra,+ akɔnnɔ bɔne, asanom bebrebe,+ anigye ntraso, akɔwensafo fekuw, ne abosonsom a ɛyɛ abofono mu.+ 4 Esiane sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa ahohwi dontori+ no mu nti, ɛyɛ wɔn nwonwa na wɔkasa tia mo.+ 5 Nanso saa nnipa yi bebu akontaa akyerɛ nea+ wayɛ krado sɛ obebu ateasefo ne awufo atɛn no.+ 6 Eyi nti na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ awufo+ nso, na wɔabu wɔn atɛn nnipa fam+ wɔ ɔhonam mu, na wɔatena ase Onyankopɔn fam wɔ honhom mu.+
7 Nneɛma nyinaa awiei abɛn.+ Enti momma mo adwenem nna hɔ,+ na monwɛn mma mpaebɔ.+ 8 Nea ɛsen biribiara no, monnodɔ mo ho denneennen,+ efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.+ 9 Munnyigye mo ho hɔho a anwiinwii biara nnim.+ 10 Sɛnea akyɛde a obiara nsa aka te no, momfa nsonsom mo ho sɛ afiehwɛfo pa a wɔde Onyankopɔn dom akyɛde a ɛyɛ adwuma akwan horow so no ahyɛ wɔn nsa.+ 11 Sɛ obi kasa a, ma ɔnka no sɛ Onyankopɔn nsɛm kronkron+; sɛ obi som a,+ ma ɔnsom sɛ nea ɔde ne ho to ahoɔden a Onyankopɔn de ma so;+ na biribiara mu no, yɛnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.+ Ɔno na anuonyam+ ne ahoɔden wɔ no daa daa. Amen.
12 Anuanom adɔfo, mommma nea ɛredɛw mo mu a ɛresɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo nwonwa+ te sɛ nea ade a ɛyɛ hu bi na ato mo. 13 Mmom no, bere a munya Kristo amanehunu no mu kyɛfa no,+ monkɔ so mma mo ani nnye,+ na sɛ woyi n’anuonyam no nso adi a,+ mo ani agye adi ahurusi. 14 Sɛ Kristo din nti wɔbɔ mo ahohora a,+ ɛyɛ anigye ma mo,+ efisɛ anuonyam honhom, Onyankopɔn honhom ankasa, wɔ mo so.+
15 Nanso ɛnsɛ sɛ mo mu biara hu amane+ sɛ owudifo anaa ɔkorɔmfo anaa ɔdebɔneyɛfo anaa nea ɔde ne ho gyigye afoforo nsɛm mu.+ 16 Na sɛ ohu amane+ sɛ Kristoni a, ɔmmma n’ani nnwu,+ na mmom ɔnkɔ so nhyɛ Onyankopɔn anuonyam edin yi mu. 17 Na bere adu sɛ atemmu no fi ase wɔ Onyankopɔn fie.+ Na sɛ efi ase wɔ yɛn so a,+ ɛnde ebewie wɔn a wontie Onyankopɔn asɛmpa no dɛn?+ 18 “Na sɛ ɛyɛ den sɛ wobegye ɔtreneeni mpo a,+ ɛnde ɛhe na omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo begyina?”+ 19 Enti wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn pɛ te no nso mfa wɔn kra nhyɛ Ɔbɔadeɛ nokwafo no nsa bere a wɔreyɛ papa no.+