Yesaia 8:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ɔbɛyɛ kronkronbea,+ nanso Israel afie abien no de, ɔbɛyɛ hintibo ne watiriw bo+ ama wɔn, na wayɛ afiri ama wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa.+ Marko 6:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɛnyɛ oyi ne duadwumfo+ no, Maria+ ba a ne nuanom ne Yakobo+ ne Yosef ne Yuda ne Simon+ no? Na ɛnyɛ ne nuabeanom na yɛne wɔn wɔ ha yi?” Enti ɔbɛyɛɛ hintidua maa wɔn.+ Luka 7:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Na anigye ne obiara a menyɛɛ hintidua mmaa no.”+ Yohane 6:61 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 61 Nanso esiane sɛ na Yesu nim wɔ ne mu sɛ n’asuafo no renwiinwii eyi ho nti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Eyi to mo hintidua+ anaa? 1 Korintofo 1:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 na yɛn de, yɛka Kristo a wɔsɛn no+ no ho asɛm, nea ɛyɛ hintidua+ ma Yudafo ne nkwaseasɛm ma amanaman no;+ 1 Petro 2:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 ne “hintibo ne watiriw bo.”+ Eyinom hintiw efisɛ wɔyɛ asɛm no ho asoɔden. Ɛno nso nti na wɔayi wɔn asi hɔ.+
14 Ɔbɛyɛ kronkronbea,+ nanso Israel afie abien no de, ɔbɛyɛ hintibo ne watiriw bo+ ama wɔn, na wayɛ afiri ama wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa.+
3 Ɛnyɛ oyi ne duadwumfo+ no, Maria+ ba a ne nuanom ne Yakobo+ ne Yosef ne Yuda ne Simon+ no? Na ɛnyɛ ne nuabeanom na yɛne wɔn wɔ ha yi?” Enti ɔbɛyɛɛ hintidua maa wɔn.+
61 Nanso esiane sɛ na Yesu nim wɔ ne mu sɛ n’asuafo no renwiinwii eyi ho nti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Eyi to mo hintidua+ anaa?
23 na yɛn de, yɛka Kristo a wɔsɛn no+ no ho asɛm, nea ɛyɛ hintidua+ ma Yudafo ne nkwaseasɛm ma amanaman no;+
8 ne “hintibo ne watiriw bo.”+ Eyinom hintiw efisɛ wɔyɛ asɛm no ho asoɔden. Ɛno nso nti na wɔayi wɔn asi hɔ.+