1 Korintofo
1 Paulo a wɔnam Onyankopɔn pɛ+ so afrɛ no sɛ ɔmmɛyɛ Yesu Kristo somafo,+ ne yɛn nua Sostene+ 2 de kɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto.+ Merekyerɛw abrɛ mo a wɔatew mo ho+ wɔ Kristo Yesu mu, afrɛ mo sɛ mommɛyɛ akronkronfo,+ ne wɔn a wɔrebɔ Awurade Yesu Kristo, yɛne wɔn nyinaa Wura,+ no din+ wɔ baabiara no:
3 Adom+ ne asomdwoe+ a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ nka mo.+
4 Onyankopɔn adom+ a wɔde ama mo Kristo Yesu mu+ no nti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo, 5 efisɛ moanya mo ho ade nyinaa mu+ wɔ ne mu, kasa ne nimdeɛ nyinaa mu;+ 6 na Kristo ho adanse+ no atim mo mu, 7 enti ɛnkaa mo akyɛde+ biara, bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo adiyi+ denneennen no. 8 Ɔno nso bɛma mo ase atim+ akosi awiei, na wɔannya mo ho asɛm+ biara yɛn Awurade Yesu Kristo+ da no.+ 9 Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo,+ nea wafrɛ mo kɔ ne Ba a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo ayɔnkofa+ mu no.
10 Afei anuanom, mitu mo fo+ yɛn Awurade Yesu Kristo din+ mu sɛ mo nyinaa nyɛ nokoro,+ na mommma mpaapaemu+ mmma mo mu, na mmom monka mmom denneennen, adwenkoro ne nsusuwii koro mu.+ 11 Me nuanom, asɛm no ne sɛ, Kloe fiefo abeyi me asotiw+ wɔ mo ho sɛ akasakasa wɔ mo mu. 12 Nea mekyerɛ ne sɛ mo mu biara ka sɛ: “Meyɛ Paulo dea,” “Me de, meyɛ Apolo dea,”+ “Me de, meyɛ Kefa dea,” “Me de, meyɛ Kristo dea.” 13 Kristo mu apaapae.+ So Paulo na wɔsɛn no maa mo? Anaasɛ Paulo din mu na wɔbɔɔ mo asu?+ 14 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu, gye Krispo+ ne Gaio,+ 15 na obi anka sɛ mebɔɔ mo asu me din mu. 16 Yiw, afei nso mebɔɔ Stefana fiefo asu.+ Wɔn a aka no de, sɛ mebɔɔ wɔn mu bi asu a, minnim. 17 Efisɛ Kristo ansoma me+ sɛ menkɔbɔ asu, na mmom sɛ menkɔka asɛmpa no, ɛnyɛ kasa mu nyansa mu,+ na Kristo asɛndua no anyɛ kwa.
18 Na asɛndua no ho asɛm no yɛ nkwaseasɛm+ ma wɔn a wɔasi ɔsɛe kwan so,+ na yɛn a wɔregye yɛn nkwa+ no de, ɛyɛ Onyankopɔn tumi+ ma yɛn. 19 Efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Mɛma anyansafo nyansa asɛe,+ na mapia animdefo+ nimdeɛ ato nkyɛn.+ 20 Onyansafo wɔ he? Ɔkyerɛwfo+ wɔ he? Wiase+ yi mu okyinnyegyefo+ wɔ he? So Onyankopɔn nnan wiase nyansa nkwaseasɛm?+ 21 Na esiane sɛ Onyankopɔn nyansa mu no, wiase no amfa ne nyansa+ so anhu Onyankopɔn+ nti ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔde asɛnka no mu nkwaseasɛm+ begye wɔn a wogye di no nkwa.
22 Yudafo bisa nsɛnkyerɛnne,+ na Helafo nso hwehwɛ nyansa;+ 23 na yɛn de, yɛka Kristo a wɔsɛn no+ no ho asɛm, nea ɛyɛ hintidua+ ma Yudafo ne nkwaseasɛm ma amanaman no;+ 24 nanso wɔn a wɔafrɛ wɔn, Yudafo ne Helafo nyinaa fam de, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi+ ne Onyankopɔn nyansa.+ 25 Efisɛ Onyankopɔn nkwaseade wɔ nyansa kyɛn nnipa, na Onyankopɔn ade a ɛyɛ mmerɛw yɛ den kyɛn nnipa.+
26 Anuanom, mo ara moahu wɔ mo frɛ mu sɛ ɛnyɛ honam fam anyansafo+ pii, na ɛnyɛ atumfoɔ+ anaa adehye pii na ɔfrɛɛ+ wɔn; 27 na mmom wiase nkwaseade+ na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu; na wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu;+ 28 na Onyankopɔn apaw wiase nneɛma a ɛnsɛ hwee ne nea wobu no animtiaa, nneɛma a enni hɔ,+ sɛnea ɛbɛyɛ a obetu nea ɛwɔ hɔ agu,+ 29 na ɔhonam biara anhoahoa ne ho+ Onyankopɔn anim. 30 Na ne nti na mowɔ Kristo Yesu mu, nea wabɛyɛ Onyankopɔn nyansa+ ne trenee+ ne ahotew+ ne ahofadi a efi agyede+ mu ama yɛn no, 31 sɛnea ɛbɛyɛ na aba mu sɛnea wɔakyerɛw no sɛ: “Nea ɔhoahoa ne ho no, ma ɔnhoahoa ne ho Yehowa mu.”+