Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dwom 16:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Na worennyaw me kra wɔ Adamoa* mu.+

      Woremma wo nokwafo nhu amoa.+

  • Dwom 22:Atifi-31
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • Wɔde ma dwonkyerɛfo, Adekyee Ɔforote so. Dawid dwom.

      22 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me?+

      Dɛn nti na wuntie+

      Me nsɛm a mede teɛm?+

       2 O me Nyankopɔn, mefrɛ wo adekyee, nanso wummua me;+

      Na edu anadwo nso a, menka m’ano ntom.+

       3 Woyɛ kronkron,+

      Na Israel ayeyi atwa wo ho ahyia.+

       4 Wo na yɛn agyanom de wɔn ho too wo so;+

      Wɔde wɔn ho too wo so, na wugyee wɔn.+

       5 Wo na wɔteɛɛm frɛɛ wo,+ na wugyee wɔn;+

      Wo na wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn ani anwu.+

       6 Na me de, meyɛ osunson,+ menyɛ onipa,

      Meyɛ ahohorade ma nnipa ne atantanne ma aman.+

       7 Wɔn a wohu me nyinaa di me ho fɛw;+

      Wɔbaabae wɔn anom, na wɔwosowosow wɔn ti+ ka sɛ:

       8 “Ɔde ne ho ato Yehowa so.+ Ma Onnye no ɛ!+

      Sɛ wagye no atom ampa a, ma onnye no nkwa!”+

       9 Wone Nea oyii me fii ɔyafunu mu,+

      Bere a mitua me maame nufu ano no,+ woma minyaa ahotoso.

      10 Mifi ɔyafunu+ mu na wɔde me too wo so;

      Wone me Nyankopɔn fi me maame yam.+

      11 Mma me ne wo ntam nnware, efisɛ ahohia abɛn me,+

      Na ɔboafo foforo bi nni hɔ.+

      12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia;+

      Basan anantwinini ahoɔdenfo atwa me ho ahyia.+

      13 Wɔabuebue wɔn anom hwɛ me+

      Sɛ gyata a ɔretetew nam mu na ɔrebobom.+

      14 Wɔahwie me agu sɛ nsu,+

      Na me nnompe nyinaa ahunhuan.+

      Me koma ayɛ sɛ srade;+

      Anan wɔ me mu tɔnn.+

      15 M’ahoɔden asa sɛ kyɛmfɛre,+

      Me tɛkrɛma afam me dodom;+

      Owu mfutuma mu na wode me asi.+

      16 Akraman atwa me ho ahyia;+

      Nnebɔneyɛfo asafodɔm aka me ahyem.+

      Wokura me nsa ne me nan mu+ sɛ gyata.

      17 Mitumi kan me nnompe nyinaa.+

      Wɔn de, wɔhwɛ me, wɔhwɛ me hãã.+

      18 Wɔkyekyɛ me nguguso mu fa,+

      Na m’atade nso, wɔbɔ so ntonto.+

      19 O Yehowa, mma me ne wo ntam nnware.+

      O m’ahoɔden,+ yɛ ntɛm bɛboa me.+

      20 Gye me kra fi nkrante ano;+

      Gye m’ade koro no fi ɔkraman nsam.+

      21 Gye me fi gyata anom,+

      Tie me na gye me fi ɛkoɔ mmɛn mu.+

      22 Mɛbɔ wo din+ akyerɛ me nuanom;+

      Meyi wo ayɛ asafo mfinimfini.+

      23 Mo a musuro Yehowa nyinaa, munyi no ayɛ!+

      Yakob asefo nyinaa, monhyɛ no anuonyam!+

      Israel asefo nyinaa, mo ho mpopo n’anim.+

      24 Wammu ɔmanehunufo animtiaa,+

      Na wantan no n’amanehunu mu;+

      Wamfa n’anim anhintaw no;+

      Osu frɛɛ no no, otiei.+

      25 Nea woayɛ nti na meyi wo ayɛ asafo kɛse mu;+

      Metua me bɔhyɛ ade wɔ wɔn a wosuro wo no anim.+

      26 Ahobrɛasefo bedidi na wɔamee;+

      Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no beyi no ayɛ.+

      Mo koma nnya nkwa daa.+

      27 Asase ano nyinaa bɛkae, na wɔadan aba Yehowa nkyɛn.+

      Amanaman mmusuakuw nyinaa bɛkotow w’anim.+

      28 Yehowa na ahenni wɔ no,+

      Ɔno na odi amanaman so.+

      29 Asase so akɛsefo nyinaa bedidi na wɔakotow;+

      Wɔn a wɔkɔ mfutuma mu nyinaa bɛkotow n’anim,+

      Na obiara renkora ne kra so da.+

      30 Nkyirimma bɛsom no;+

      Wɔbɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ awo ntoatoaso.+

      31 Wɔbɛba na wɔabɛka ne trenee ho asɛm+

      Akyerɛ wɔn a wɔbɛwo wɔn no sɛ ɔno na wayɛ eyi.+

  • Dwom 34:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa so;

      Emu biako mpo mmu.+

  • Dwom 41:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  9 Nea me ne no te asomdwoe mu a mede me ho too no so mpo,+

      Nea na odi m’aduan no,+ wama ne nantin so atia me.+

  • Dwom 69:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Wɔmaa me awɔnwene sɛ aduan,+

      Na wɔmaa me nsã nyinyanyinya sɛ memfa nkum me sukɔm.+

  • Yesaia 53:1-12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 53 Hena na wagye nea yɛate no adi?+ Na hena na wɔayi Yehowa basa+ akyerɛ no?+ 2 Obefifi sɛ dubaa+ wɔ n’anim, te sɛ ntini wɔ asase kesee so. Ɔnyɛ onipa mũ biara, na onni anuonyam,+ na yehu no a, biribiara nni ne ho a ɛbɛma ne ho ayɛ yɛn akɔnnɔ.+

      3 Nnipa buu no animtiaa, na wɔpoo no;+ ɔyɛ onipa a ohuu yaw na onim yare.+ Na yɛde yɛn anim hintawee na n’ani antɔ yɛn anim.+ Nnipa buu no animtiaa, na yɛamfa no anyɛ hwee.+ 4 Nokwarem no, ɔno na ɔsoaa yɛn nyarewa;+ ogyee yɛn yaw hyɛɛ ne ho.+ Na yebuu no sɛ obi a Onyankopɔn atwe n’aso,+ wahwe no,+ na wama ne ho ahiahia no.+ 5 Nanso yɛn mmarato+ nti na wopiraa no,+ na yɛn mfomso nti na wobubuu no.+ Ogyee asotwe a ɛbɛma yɛanya asomdwoe,+ na ɔde n’akuru+ saa yɛn yare.+ 6 Yɛn nyinaa te sɛ nguan a wɔafom kwan;+ obiara afa ne kwan. Na Yehowa ama yɛn nyinaa bɔne abegu no so.+ 7 Wɔhyɛɛ no ahometew,+ na ɔmaa kwan ma wɔtan n’ani,+ nanso wammue n’ano. Wɔde no kɔe sɛ oguan a wɔrekokum no,+ na te sɛ oguan a wɔretwitwa ne nhwi a wayɛ komm no, ɔno nso ammue n’ano.+

      8 Wɔhyɛɛ no so de no kɔe a wannya atemmu;+ na hena na ɔbɛhaw ne ho sɛ obehu n’ase?*+ Wotwaa no+ fii ateasefo asase so.+ Me man mmarato+ nti na wɔboroo no.+ 9 Ne wu mu no, wobesie no wɔ abɔnefo+ ne adefo mu,+ nanso wanni nsɛmmɔne biara,+ na nnaadaasɛm nni n’anom.+

      10 Nanso na ɛsɔ Yehowa ani sɛ obebubu no,+ na ɔma ɔyaree.+ Sɛ ɔde ne kra to hɔ sɛ asodi afɔre a,+ obehu n’asefo,+ ɔbɛma ne nna akyɛ,+ na ne nsam na nea ɛsɔ Yehowa ani+ begyina.+ 11 Obehu ne kra amanehunu,+ na ne koma bɛtɔ ne yam.+ M’akoa+ treneeni no nimdeɛ nti, ɔbɛma nnipa pii anya trenee gyinabea;+ na ɔno ankasa bɛsoa wɔn bɔne.+ 12 Ɛno nti mɛma wanya kyɛfa wɔ nnipa pii mu+ na ɔne nnɔmmarima akyɛ asade,+ efisɛ ɔde ne kra maa owu,+ na wɔkan no fraa mmaratofo.+ Ɔno na ɔsoaa nnipa pii bɔne,+ na odi maa mmaratofo.+

  • Mika 5:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 “O ɔbabea a atamfo atow ahyɛ no so, twitwa wo ho akam,+ efisɛ wɔatwa yɛn ho ahyia.+ Na wɔde abaa bɛhwe Israel temmufo asom.+

  • Sakaria 9:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 “O Sion babea, ma w’ani nnye.+ O Yerusalem babea, teɛm bɔ ose.+ Hwɛ, wo hene+ reba wo nkyɛn.+ Ɔyɛ ɔtreneeni na wɔagye no nkwa;+ ɔbrɛ ne ho ase,+ na ɔte afurum so, afurummere ba so.+

  • Sakaria 11:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ eye wɔ mo ani so a,+ momfa m’akatua mma me, na sɛ ɛnte saa a, munnyae.” Enti wɔde nnwetɛbona aduasa+ tuaa me ka.

  • Sakaria 13:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 “O nkrante, sɔre bra me guanhwɛfo+ no so, ɔbarima a ɔyɛ me yɔnko+ so,” asafo Yehowa asɛm ni. “Bɔ oguanhwɛfo no+ na nguan no mmɔ nhwete,+ na mɛdan me nsa aba nkumaa+ no so.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena