9 “Mo de, monhwɛ mo ho yiye; nkurɔfo beyi mo ama baguafo,+ na me nti wɔbɛhwe mo hyia adan+ mu na wɔde mo agyina amrado ne ahene anim, na ayɛ adanse ama wɔn.+
23 Enti, ade kyee no, Agripa ne Bernike bae a wɔahyehyɛ wɔn ho kɔsɔɔ,+ na wɔne asahene ne kurow no mu atitiriw no kɔɔ baabi a wotie asɛm no, na Festo ma wɔde Paulo bae.
10 Nsuro nea ɛrebɛto wo no.+ Hwɛ! Ɔbonsam+ de mo mu binom begu afiase na ama wɔasɔ mo ahwɛ koraa,+ na mo ho behiahia mo+ dadu. Di nokware kosi owu mu,+ na mɛma wo nkwa abotiri.+