Mateo 12:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 Afei akyerɛwfo ne Farisifo binom bua see no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ woyɛ sɛnkyerɛnne bi ma yɛhwɛ.”+ Marko 8:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Enti osii apini+ ne honhom mu kae sɛ: “Dɛn nti na awo ntoatoaso yi hwehwɛ sɛnkyerɛnne? Nokwarem mise mo sɛ, wɔremma awo ntoatoaso yi sɛnkyerɛnne biara.”+ Yohane 2:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: “Eyinom a woreyɛ yi, sɛnkyerɛnne+ bɛn na wowɔ de kyerɛ yɛn?” 1 Korintofo 1:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Yudafo bisa nsɛnkyerɛnne,+ na Helafo nso hwehwɛ nyansa;+
38 Afei akyerɛwfo ne Farisifo binom bua see no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ woyɛ sɛnkyerɛnne bi ma yɛhwɛ.”+
12 Enti osii apini+ ne honhom mu kae sɛ: “Dɛn nti na awo ntoatoaso yi hwehwɛ sɛnkyerɛnne? Nokwarem mise mo sɛ, wɔremma awo ntoatoaso yi sɛnkyerɛnne biara.”+