Yohane 16:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Nkurɔfo betu mo afi hyiadan mu.+ Nokwasɛm ni, dɔn no reba a obiara a obekum mo no besusuw sɛ ɔde resom Onyankopɔn.+ Asomafo Nnwuma 8:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Afei Saul fii ase tuu n’ani sii asafo no so. Ɔhyɛnhyɛn afie mu kɔtwee mmarima ne mmea nyinaa, na ɔma wɔde wɔn guu afiase.+ 1 Korintofo 15:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na mene nea osua koraa+ wɔ asomafo no mu a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo, efisɛ metaa+ Onyankopɔn asafo. Galatifo 1:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Minim sɛ moate su a na mikura kan no wɔ Yudasom mu,+ sɛ metaa+ Onyankopɔn asafo ma ɛtraa so, pɛe sɛ mesɛe no koraa,+ 1 Timoteo 1:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 ɛwom, bere bi a atwam no na meyɛ mmusubɔfo, metaa nkurɔfo,+ na meyɛɛ aniammɔho.+ Nanso wohuu me mmɔbɔ,+ efisɛ na minnim nea mereyɛ,+ na gyidi a na minni nti na meyɛɛ saa.
2 Nkurɔfo betu mo afi hyiadan mu.+ Nokwasɛm ni, dɔn no reba a obiara a obekum mo no besusuw sɛ ɔde resom Onyankopɔn.+
3 Afei Saul fii ase tuu n’ani sii asafo no so. Ɔhyɛnhyɛn afie mu kɔtwee mmarima ne mmea nyinaa, na ɔma wɔde wɔn guu afiase.+
9 Na mene nea osua koraa+ wɔ asomafo no mu a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo, efisɛ metaa+ Onyankopɔn asafo.
13 Minim sɛ moate su a na mikura kan no wɔ Yudasom mu,+ sɛ metaa+ Onyankopɔn asafo ma ɛtraa so, pɛe sɛ mesɛe no koraa,+
13 ɛwom, bere bi a atwam no na meyɛ mmusubɔfo, metaa nkurɔfo,+ na meyɛɛ aniammɔho.+ Nanso wohuu me mmɔbɔ,+ efisɛ na minnim nea mereyɛ,+ na gyidi a na minni nti na meyɛɛ saa.