Yohane 5:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Na Agya no mmu obiara atɛn, na mmom ɔde atemmu nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa,+ Asomafo Nnwuma 17:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Efisɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ ɔnam ɔbarima bi a wapaw no so bebu asase atɛn+ wɔ trenee mu, na wanyan+ no afi awufo mu de ayɛ nnyinasode ama nnipa nyinaa.” Romafo 14:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na eyi nti na Kristo wui na ɔbaa nkwa mu bio,+ sɛ ɔbɛyɛ awufo+ ne ateasefo Wura.+ 2 Korintofo 5:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Na etwa sɛ wɔda yɛn nyinaa adi wɔ Kristo atemmu agua anim,+ na obiara anya nea ɔnam nipadua no so yɛe ho akatua, sɛ́ ɔyɛɛ papa anaa ɔyɛɛ bɔne.+ 2 Timoteo 4:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Mehyɛ wo wɔ Onyankopɔn ne Kristo Yesu, a wɔayi no asi hɔ sɛ obebu ateasefo ne awufo+ atɛn+ no anim denam n’ahoyi+ ne n’ahenni+ so sɛ 1 Petro 4:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nanso saa nnipa yi bebu akontaa akyerɛ nea+ wayɛ krado sɛ obebu ateasefo ne awufo atɛn no.+
31 Efisɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ ɔnam ɔbarima bi a wapaw no so bebu asase atɛn+ wɔ trenee mu, na wanyan+ no afi awufo mu de ayɛ nnyinasode ama nnipa nyinaa.”
10 Na etwa sɛ wɔda yɛn nyinaa adi wɔ Kristo atemmu agua anim,+ na obiara anya nea ɔnam nipadua no so yɛe ho akatua, sɛ́ ɔyɛɛ papa anaa ɔyɛɛ bɔne.+
4 Mehyɛ wo wɔ Onyankopɔn ne Kristo Yesu, a wɔayi no asi hɔ sɛ obebu ateasefo ne awufo+ atɛn+ no anim denam n’ahoyi+ ne n’ahenni+ so sɛ