Dwom 22:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Wɔn a wohu me nyinaa di me ho fɛw;+Wɔbaabae wɔn anom, na wɔwosowosow wɔn ti+ ka sɛ: Dwom 22:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Akraman atwa me ho ahyia;+Nnebɔneyɛfo asafodɔm aka me ahyem.+Wokura me nsa ne me nan mu+ sɛ gyata. Dwom 34:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa so;Emu biako mpo mmu.+ Dwom 69:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Wɔmaa me awɔnwene sɛ aduan,+Na wɔmaa me nsã nyinyanyinya sɛ memfa nkum me sukɔm.+ Dwom 118:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Ɔbo a adansifo poe no+Abɛyɛ tweatibo.+ Yesaia 50:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Medan m’akyi maa mmaakãfo, na mede m’afono+ maa wɔn a wotutu nhwi. Na mamfa m’anim anhintaw animguase ne ntasu.+ Yesaia 53:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Nnipa buu no animtiaa, na wɔpoo no;+ ɔyɛ onipa a ohuu yaw na onim yare.+ Na yɛde yɛn anim hintawee na n’ani antɔ yɛn anim.+ Nnipa buu no animtiaa, na yɛamfa no anyɛ hwee.+ Yesaia 53:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nanso yɛn mmarato+ nti na wopiraa no,+ na yɛn mfomso nti na wobubuu no.+ Ogyee asotwe a ɛbɛma yɛanya asomdwoe,+ na ɔde n’akuru+ saa yɛn yare.+
16 Akraman atwa me ho ahyia;+Nnebɔneyɛfo asafodɔm aka me ahyem.+Wokura me nsa ne me nan mu+ sɛ gyata.
6 Medan m’akyi maa mmaakãfo, na mede m’afono+ maa wɔn a wotutu nhwi. Na mamfa m’anim anhintaw animguase ne ntasu.+
3 Nnipa buu no animtiaa, na wɔpoo no;+ ɔyɛ onipa a ohuu yaw na onim yare.+ Na yɛde yɛn anim hintawee na n’ani antɔ yɛn anim.+ Nnipa buu no animtiaa, na yɛamfa no anyɛ hwee.+
5 Nanso yɛn mmarato+ nti na wopiraa no,+ na yɛn mfomso nti na wobubuu no.+ Ogyee asotwe a ɛbɛma yɛanya asomdwoe,+ na ɔde n’akuru+ saa yɛn yare.+