Dwom 86:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 O Yehowa, wuye,+ na wowɔ ɔpɛ sɛ wode bɔne befiri;+W’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.+ Romafo 11:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Enti hwɛ sɛnea Onyankopɔn yam ye+ na ɔsan yɛ den+ nso. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔhwee ase no so,+ nanso wo de, Onyankopɔn yi ayamye adi kyerɛ wo, bere dodow a wotena+ n’ayamye mu no; anyɛ saa a, wobetwa wo nso afi so.+ Efesofo 1:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɛnam no so na yɛanya ogye wɔ ne mogya+ mu, yiw, yɛn mfomso ho fafiri+ sɛnea n’adom+ mu ahonya no te.
22 Enti hwɛ sɛnea Onyankopɔn yam ye+ na ɔsan yɛ den+ nso. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔhwee ase no so,+ nanso wo de, Onyankopɔn yi ayamye adi kyerɛ wo, bere dodow a wotena+ n’ayamye mu no; anyɛ saa a, wobetwa wo nso afi so.+
7 Ɛnam no so na yɛanya ogye wɔ ne mogya+ mu, yiw, yɛn mfomso ho fafiri+ sɛnea n’adom+ mu ahonya no te.