Mmebusɛm 20:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Nka sɛ: “Metua bɔne so ka!”+ Fa w’ani to Yehowa so,+ na obegye wo.+ Mateo 5:39 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 39 Nanso, mise mo sɛ: Mo ne ɔbɔnefo nnni asi; mmom obiara a ɔbɛbɔ w’aso nifa+ mu no, dan biako no nso ma no. Romafo 12:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.+ Munnwen nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ nnipa nyinaa ani so. 1 Tesalonikafo 5:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne so ka,+ na mmom bere nyinaa monhwehwɛ nea eye mma mo ho mo ho ne afoforo nyinaa.+ 1 Petro 3:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 na mommfa bɔne nntua bɔne so ka,+ nso mommfa nsopa nntua nsopa so ka,+ na mmom munhyira,+ efisɛ eyi nti na wɔfrɛɛ mo na mo nsa aka nhyira.
39 Nanso, mise mo sɛ: Mo ne ɔbɔnefo nnni asi; mmom obiara a ɔbɛbɔ w’aso nifa+ mu no, dan biako no nso ma no.
15 Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne so ka,+ na mmom bere nyinaa monhwehwɛ nea eye mma mo ho mo ho ne afoforo nyinaa.+
9 na mommfa bɔne nntua bɔne so ka,+ nso mommfa nsopa nntua nsopa so ka,+ na mmom munhyira,+ efisɛ eyi nti na wɔfrɛɛ mo na mo nsa aka nhyira.