Asomafo Nnwuma 18:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 na esiane sɛ na ɔne wɔn yɛ adwuma koro nti, ɔtenaa wɔn fie yɛɛ adwuma,+ efisɛ na wɔyɛ ntamadanyɛfo. Asomafo Nnwuma 20:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Mo ankasa munim sɛ nsa yi na ama me ne wɔn a wɔka me ho no anya nea yehia.+ 1 Korintofo 4:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 na yɛbrɛ+ de yɛn ankasa nsa yɛ adwuma.+ Sɛ wɔsopa yɛn a, yehyira;+ sɛ wɔtaa yɛn a, yegyina mu;+ 2 Tesalonikafo 3:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 na saa ara nso na yɛanni obiara aduan kwa.+ Mmom adwumaden ne ɔbrɛ mu,+ awia ne anadwo, yɛyɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa adesoa kɛse nto mo mu biara so.+
3 na esiane sɛ na ɔne wɔn yɛ adwuma koro nti, ɔtenaa wɔn fie yɛɛ adwuma,+ efisɛ na wɔyɛ ntamadanyɛfo.
8 na saa ara nso na yɛanni obiara aduan kwa.+ Mmom adwumaden ne ɔbrɛ mu,+ awia ne anadwo, yɛyɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa adesoa kɛse nto mo mu biara so.+