26 Na ɔhaw no akyi no,+ Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron ba Eleasar sɛ: 2 “Monkan Israel asafo no nyinaa, wɔn a wɔadi mfe 20 rekɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu dodow a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafi biara mu, na monkan wɔn a wobetumi ayɛ asraafo wɔ Israel no nyinaa.”+