-
Numeri 22:5, 6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Enti ɔsomaa nnipa kɔɔ Beor ba Baalam nkyɛn wɔ Petor+ a ɛbɛn Asubɔnten* a ɛwɔ asaase a wɔwoo Baalam wɔ so no so no. Ɔma wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Nkurɔfo bi fi Egypt aba. Hwɛ! Wɔahyɛ asaase so ma,*+ na wɔte me hwene ano pɛɛ. 6 Enti mepa wo kyɛw, bra na bɛdome saa nkurɔfo yi ma me,+ efisɛ wɔn ho yɛ den sen me. Ebia metumi adi wɔn so nkonim na mapam wɔn afi asaase no so, efisɛ minim yiye sɛ nea wubehyira no no, wobehyira no, na nea wobɛdome no no, wɔbɛdome no.”
-