19 Na Nebukadnesar bo fuw Sadrak, Mesak, ne Abednego denneennen maa n’anim* sesae koraa. Na ɔkae sɛ wɔmma fononoo no mu nyɛ hyew mpɛn ason nkyɛn sɛnea wɔtaa yɛ no no.
28 Ɛnna Nebukadnesar kae sɛ: “Ayeyi nka Sadrak, Mesak, ne Abednego Nyankopɔn+ a wasoma ne bɔfo ama wabegye ne nkoa no. Wɔde wɔn ho too no so, na wɔantie ɔhene asɛm. Ná wɔayɛ krado sɛ wobewu* sen sɛ wɔbɛkotow anaa wɔbɛsom onyame bi aka wɔn ankasa Nyankopɔn no ho.+