Dwom 49:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nanso Onyankopɔn begye me* afi Ɔdamoa* nsam,+Efisɛ obeso me mu. (Sela) Asomafo Nnwuma 2:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 odii kan huu Kristo wusɔre no, na ɔkaa ho asɛm sɛ wɔannyaw no Ɔdamoa* mu, na ne honam nso amporɔw.*+ Asomafo Nnwuma 3:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 ɛnna mukum nkwa Safohene+ no. Nanso Onyankopɔn nyan no fii awufo mu, na yɛyɛ saa nokwasɛm no ho adansefo.+ Adiyisɛm 1:17, 18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Bere a mihuu no no, mehwee ne nan ase te sɛ obi a wawu. Ɛnna ɔde ne nsa nifa too me so, na ɔkae sɛ: “Nsuro. Mene Odikanfo+ ne Okyikafo,+ 18 ne ɔteasefo+ no, na miwui,+ nanso, hwɛ! mete ase daa daa,+ na mikura owu ne Ɔdamoa* nsafe.+
31 odii kan huu Kristo wusɔre no, na ɔkaa ho asɛm sɛ wɔannyaw no Ɔdamoa* mu, na ne honam nso amporɔw.*+
15 ɛnna mukum nkwa Safohene+ no. Nanso Onyankopɔn nyan no fii awufo mu, na yɛyɛ saa nokwasɛm no ho adansefo.+
17 Bere a mihuu no no, mehwee ne nan ase te sɛ obi a wawu. Ɛnna ɔde ne nsa nifa too me so, na ɔkae sɛ: “Nsuro. Mene Odikanfo+ ne Okyikafo,+ 18 ne ɔteasefo+ no, na miwui,+ nanso, hwɛ! mete ase daa daa,+ na mikura owu ne Ɔdamoa* nsafe.+