Dwom 25:12, 13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Hena na osuro Yehowa Nyankopɔn?+ Onyankopɔn bɛkyerɛ no ɔkwan a ɔmfa so.+ נ [Nun] 13 Ne* nsa bɛka nneɛma pa,+Na n’asefo* benya asaase no so atena.+ Dwom 37:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Atreneefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea,+Na wɔbɛtena so daa.+ Mateo 5:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “Anigye ne wɔn a wodwo,+ efisɛ asaase no bɛyɛ wɔn dea.+ 2 Petro 2:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Eyinom nyinaa kyerɛ sɛ Yehowa* nim sɛnea obegye wɔn a wɔde onyamesom pa tena ase no afi sɔhwɛ mu+ na wakora abɔnefo so ama atemmu da na wasɛe wɔn,*+
12 Hena na osuro Yehowa Nyankopɔn?+ Onyankopɔn bɛkyerɛ no ɔkwan a ɔmfa so.+ נ [Nun] 13 Ne* nsa bɛka nneɛma pa,+Na n’asefo* benya asaase no so atena.+
9 Eyinom nyinaa kyerɛ sɛ Yehowa* nim sɛnea obegye wɔn a wɔde onyamesom pa tena ase no afi sɔhwɛ mu+ na wakora abɔnefo so ama atemmu da na wasɛe wɔn,*+