Deuteronomium 30:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Enti dɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ na tie n’asɛm na bata ne ho,+ efisɛ ɔno na ɔma wo nkwa. Na asaase a Yehowa kaa ntam sɛ ɔde bɛma w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob+ no nso, ɔno na ɔbɛma woatena so akyɛ.” Dwom 37:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Efisɛ wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ,+Na wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, wɔn na asaase no bɛyɛ wɔn dea.+ Mmebusɛm 2:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na atreneefo nko ara na wɔbɛtena asaase so,Na wɔn a asɛm nni wɔn ho* na wɔbɛka so.+ Mateo 5:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “Anigye ne wɔn a wodwo,+ efisɛ asaase no bɛyɛ wɔn dea.+
20 Enti dɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ na tie n’asɛm na bata ne ho,+ efisɛ ɔno na ɔma wo nkwa. Na asaase a Yehowa kaa ntam sɛ ɔde bɛma w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob+ no nso, ɔno na ɔbɛma woatena so akyɛ.”