10 Ɛnna ɔsɔfo panyin Asaria a ofi Sadok fi no ka kyerɛɛ no sɛ: “Efi bere a wofii ase de nneɛma no baa Yehowa fi no,+ ɔmanfo no didi mee ma bebree ka, efisɛ Yehowa ahyira ne man, na nea aka na esum hɔ pii yi.”+
10 Momfa ntotoso du du* no nyinaa mmra adekoradan mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a aduan bɛwɔ me fi.+ Mepa mo kyɛw, momfa eyi nsɔ me nhwɛ, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere mma mo,+ na merenhwie nhyira ngu mo so mma emmu mo so anaa,”+ asafo Yehowa anom asɛm ni.