Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yeremia 47:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 47 Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn ansa na Farao resɛe Gasa no ni. Ɛfa Filistifo ho.+

  • Hesekiel 25:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Ɛno nti, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mɛteɛ me nsa wɔ Filistifo so,+ na metwa Keretifo afi hɔ,+ na masɛe nnipa a aka a wɔtete mpoano no.+

  • Yoel 3:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  4 Tiro ne Sidon ne Filistia nkurow nyinaa,

      Dɛn na mowɔ tia me?

      Mayɛ mo biribi na moreyɛ bi atua me ka anaa?

      Sɛ moretua me biribi so ka a,

      Ɛnde mɛyɛ ntɛm adan mo akatua no aba mo so.+

  • Amos 1:6-8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  6 Nea Yehowa aka ni,

      ‘“Gasa bɔne* a ɛto so abiɛsa+ ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,

      Efisɛ wɔde nnipadɔm bi a wɔatu wɔn ase afi wɔn man mu+ kɔmaa Edom.

       7 Enti mede ogya bɛto Gasa fasu mu,+

      Na ɛbɛhyew n’aban a ɛyɛ den no.

       8 Na mɛsɛe wɔn a wɔtete Asdod,+

      Ne nea odi hene* wɔ Askelon no;+

      Na mɛteɛ me nsa wɔ Ekron so,*+

      Na Filistifo a aka no bɛyera,”+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.’

  • Sefania 2:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  4 Efisɛ wobegyaw Gasa kurow no ato hɔ,

      Na wɔbɛsɛe Askelon pasaa.+

      Wɔbɛpam Asdod awia ketee,

      Na wɔatu Ekron ase.+

  • Sakaria 9:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  5 Askelon behu, na obesuro;

      Gasa ho bɛyeraw no paa,

      Ekron nso ho bɛyeraw no paa, efisɛ nea ɔde ne werɛ ahyɛ ne mu no anim agu ase.

      Ɔhene bɛyera afi Gasa,

      Na obiara rentena Askelon.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena