20 Pia mu pia no tenten yɛ basafa 20, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20, na efi soro besi fam nso yɛ basafa 20;+ ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa mu nyinaa, na afɔremuka+ no nso, ɔde sida dua sɛm ho.
8 Ɔyɛɛ Kronkron Mu Kronkronbea dan* no+ nso; ne tenten ne asɔredan no tɛtrɛtɛ nyinaa yɛ basafa 20, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20. Ɔde sika pa a ne dodow si dwetikɛse* 600 na ɛfaa mu.+