Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Marko 14:43-47
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 43 Na amonom hɔ ara, bere a ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ Dumien no mu baako no bae, na na nnipadɔm bi a wofi asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo ne mpanyimfo no nkyɛn a wokurakura sekan ne nkontimmaa* ka ne ho.+ 44 Ná nea obeyi no ama no ama wɔn sɛnkyerɛnne bi dedaw sɛ: “Onipa a mefew n’ano no, ɔne no; monkyere no na monhwɛ no so yiye mfa no nkɔ.” 45 Na ɔkɔɔ Yesu nkyɛn tẽẽ, na ɔbɛn no kae sɛ, “Rabi!” Ɛnna ofew n’ano. 46 Na wosoo no mu kyeree no kɔe. 47 Nanso wɔn a wogyinagyina hɔ no mu baako twee ne sekan, na ɔde twaa ɔsɔfo panyin no akoa aso fii hɔ.+

  • Luka 22:47-51
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 47 Bere a ogu so rekasa no, hwɛ! nnipadɔm bi baa hɔ, na na Dumien no mu baako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim, na ɔbaa Yesu nkyɛn befew n’ano.+ 48 Na Yesu bisaa no sɛ: “Yuda, mfewano na wode reyi onipa Ba no ama?” 49 Bere a wɔn a wɔka ne ho no huu nea ɛrebesi no, wɔkae sɛ: “Awurade, yɛmfa sekan nkɔ wɔn so anaa?” 50 Wɔn mu baako mpo de sekan twaa ɔsɔfo panyin akoa no aso nifa fii hɔ.+ 51 Na Yesu buae sɛ: “Momma ɛnso ha yi ara.” Na ɔde ne nsa kaa n’aso no, na ɔmaa ne ho tɔɔ no.

  • Yohane 18:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Enti Yuda de asraafodɔm ne awɛmfo a wofi asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn baa hɔ, na na wokurakura agyatɛn* ne nkanea ne akode.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena