Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 26:47-51
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 47 Bere a ogu so rekasa no ara, hwɛ! Yuda a ɔyɛ Dumien no mu baako no bae, na na nnipadɔm bi a wofi asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo ne ɔman no mpanyimfo nkyɛn a wokurakura sekan ne nkontimmaa* ka ne ho.+

      48 Ná nea obeyi no ama no ama wɔn sɛnkyerɛnne bi sɛ: “Onipa a mefew n’ano no, ɔne no; monkyere no.” 49 Na ɔkɔɔ Yesu nkyɛn tẽẽ, na ɔkae sɛ: “Rabi, asomdwoe nka wo!” Ɛnna ofew n’ano. 50 Na Yesu bisaa no sɛ: “Damfo, woaba ha rebɛyɛ dɛn?”+ Ɛnna wobesoo Yesu mu kyeree no kɔe. 51 Na hwɛ! wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako teɛɛ ne nsa twee ne sekan, na ɔde twaa ɔsɔfo panyin no akoa aso fii hɔ.+

  • Luka 22:47-51
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 47 Bere a ogu so rekasa no, hwɛ! nnipadɔm bi baa hɔ, na na Dumien no mu baako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim, na ɔbaa Yesu nkyɛn befew n’ano.+ 48 Na Yesu bisaa no sɛ: “Yuda, mfewano na wode reyi onipa Ba no ama?” 49 Bere a wɔn a wɔka ne ho no huu nea ɛrebesi no, wɔkae sɛ: “Awurade, yɛmfa sekan nkɔ wɔn so anaa?” 50 Wɔn mu baako mpo de sekan twaa ɔsɔfo panyin akoa no aso nifa fii hɔ.+ 51 Na Yesu buae sɛ: “Momma ɛnso ha yi ara.” Na ɔde ne nsa kaa n’aso no, na ɔmaa ne ho tɔɔ no.

  • Yohane 18:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Enti Yuda de asraafodɔm ne awɛmfo a wofi asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn baa hɔ, na na wokurakura agyatɛn* ne nkanea ne akode.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena